Adiyisɛm 19:5
Revelation 19:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”
Revelation 19:5 in English
Revelation 19:5 · Berean Standard Bible
Then a voice came from the throne, saying: “Praise our God, all you who serve Him, and those who fear Him, small and great alike!”
Context
3Na afei, wɔteaam bio sɛ,
“Haleluia!
Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ,
“Amen, Haleluia!” 5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ,
“Monkamfo yɛn Onyankopɔn,
mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa,
mo a mosuro no,
akɛseɛ ne nkumaa!” 6Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ,
“Haleluia!
Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene. 7Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye
na yɛnhyɛ no animuonyam!
Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru,
na nʼayefokunu asiesie ne ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.