Adiyisɛm 19:7
Revelation 19:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho.
Revelation 19:7 in English
Revelation 19:7 · Berean Standard Bible
Let us rejoice and be glad and give Him the glory. For the marriage of the Lamb has come, and His bride has made herself ready.
Context
5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ,
“Monkamfo yɛn Onyankopɔn,
mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa,
mo a mosuro no,
akɛseɛ ne nkumaa!” 6Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ,
“Haleluia!
Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene. 7Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye
na yɛnhyɛ no animuonyam!
Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru,
na nʼayefokunu asiesie ne ho. 8Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ
maa no sɛ ɔnhyɛ.”
(Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.) 9Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.