Native Bible

Revelation 19:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!”

Revelation 19:4 in English

Revelation 19:4 · Berean Standard Bible

And the twenty-four elders and the four living creatures fell down and worshiped God who sits on the throne, saying: “Amen, Hallelujah!”

Context

2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” 3Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!” 5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!” 6Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.