Adiyisɛm 19:2
Revelation 19:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”
Revelation 19:2 in English
Revelation 19:2 · Berean Standard Bible
For His judgments are true and just. He has judged the great prostitute who corrupted the earth with her immorality. He has avenged the blood of His servants that was poured out by her hand.”
Context
1Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ,
“Haleluia!
Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn, 2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ
na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ
a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.
Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” 3Na afei, wɔteaam bio sɛ,
“Haleluia!
Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ,
“Amen, Haleluia!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.