Adiyisɛm 19:1
Revelation 19:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,
Revelation 19:1 in English
Revelation 19:1 · Berean Standard Bible
After this I heard a sound like the roar of a great multitude in heaven, shouting: “Hallelujah!* Salvation and glory and power belong to our God!
Context
1Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ,
“Haleluia!
Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn, 2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ
na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ
a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.
Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” 3Na afei, wɔteaam bio sɛ,
“Haleluia!
Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.