Native Bible

Revelation 19:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.”

Revelation 19:3 in English

Revelation 19:3 · Berean Standard Bible

And a second time they called out: “Hallelujah! Her smoke rises forever and ever.”

Context

1Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn, 2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” 3Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!” 5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.