Adiyisɛm 18:20
Revelation 18:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.”
Revelation 18:20 in English
Revelation 18:20 · Berean Standard Bible
Rejoice over her, O heaven, O saints and apostles and prophets, because God has pronounced for you His judgment against her.
Context
18Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” 19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,
“ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,
wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no
nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.
Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’ 20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!
Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne
adiyifoɔ mo ani nnye!
Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,
Onyankopɔn abu no atɛn.” 21Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,
“Saa ahoɔden yi ara
na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,
a wɔrenhunu no bio. 22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.
Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio.
Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.