Native Bible

Revelation 18:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ”

Revelation 18:18 in English

Revelation 18:18 · Berean Standard Bible

and cry out at the sight of the smoke rising from the fire that consumes her. “What city was ever like this great city?” they will exclaim.

Context

16na wɔaka sɛ: “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ, na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu. 17Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” 19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’ 20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.