Adiyisɛm 18:17
Revelation 18:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.
Revelation 18:17 in English
Revelation 18:17 · Berean Standard Bible
For in a single hour such fabulous wealth has been destroyed!” Every shipmaster, passenger, and sailor, and all who make their living from the sea, will stand at a distance
Context
15Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, 16na wɔaka sɛ:
“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a
ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ,
na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu. 17Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’
“Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ” 19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,
“ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,
wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no
nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.
Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.