Native Bible

Revelation 18:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,

Revelation 18:15 in English

Revelation 18:15 · Berean Standard Bible

The merchants who sold these things and grew their wealth from her will stand at a distance, in fear of her torment. They will weep and mourn,

Context

13ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. 14“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ 15Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, 16na wɔaka sɛ: “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ, na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu. 17Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.