Adiyisɛm 18:22
Revelation 18:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.
Revelation 18:22 in English
Revelation 18:22 · Berean Standard Bible
And the sound of harpists and musicians, of flute players and trumpeters, will never ring out in you again. Nor will any craftsmen of any trade be found in you again, nor the sound of a millstone be heard in you again.
Context
20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!
Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne
adiyifoɔ mo ani nnye!
Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,
Onyankopɔn abu no atɛn.” 21Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,
“Saa ahoɔden yi ara
na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,
a wɔrenhunu no bio. 22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.
Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio.
Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio. 23Kanea hann
renhyerɛn wɔ wo mu bio.
Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere
nne wɔ wo mu bio.
Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire.
Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa. 24Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ
ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.