Native Bible

Revelation 18:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio.

Revelation 18:21 in English

Revelation 18:21 · Berean Standard Bible

Then a mighty angel picked up a stone the size of a great millstone and cast it into the sea, saying: “With such violence the great city of Babylon will be cast down, never to be seen again.

Context

19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “ ‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’ 20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.” 21Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio. 22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio. 23Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne wɔ wo mu bio. Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.