Native Bible

Revelation 18:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”

Revelation 18:24 in English

Revelation 18:24 · Berean Standard Bible

And there was found in her the blood of prophets and saints, and of all who had been slain on the earth.

Context

22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio. 23Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne wɔ wo mu bio. Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa. 24Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.