Native Bible

Psalms 86:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

Psalms 86:14 in English

Psalms 86:14 · Berean Standard Bible

The arrogant rise against me, O God; a band of ruthless men seeks my life, with no regard for You.

Context

12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. 13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. 14Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. 15Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso. 16Dane wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.