Nnwom 86:12
Psalms 86:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.
Psalms 86:12 in English
Psalms 86:12 · Berean Standard Bible
I will praise You, O Lord my God, with all my heart; I will glorify Your name forever.
Context
10Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;
wo nko ara ne Onyankopɔn. 11Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,
na mɛnante wo nokorɛ mu;
ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo
na masuro wo din. 12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn
na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. 13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;
woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. 14Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;
basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,
nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.