Nnwom 86:11
Psalms 86:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din.
Psalms 86:11 in English
Psalms 86:11 · Berean Standard Bible
Teach me Your way, O LORD, that I may walk in Your truth. Give me an undivided heart, that I may fear Your name.
Context
9Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa
bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;
wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. 10Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;
wo nko ara ne Onyankopɔn. 11Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,
na mɛnante wo nokorɛ mu;
ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo
na masuro wo din. 12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn
na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. 13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;
woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.