Nnwom 86:13
Psalms 86:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.
Psalms 86:13 in English
Psalms 86:13 · Berean Standard Bible
For great is Your loving devotion to me; You have delivered me from the depths of Sheol.
Context
11Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,
na mɛnante wo nokorɛ mu;
ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo
na masuro wo din. 12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn
na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. 13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;
woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. 14Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;
basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,
nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. 15Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,
wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.