Nnwom 78:66
Psalms 78:66 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.
Psalms 78:66 in English
Psalms 78:66 · Berean Standard Bible
He beat back His foes; He put them to everlasting shame.
Context
64Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,
na wɔn akunafoɔ antumi ansu. 65Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,
sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. 66Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;
ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ. 67Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,
na wamfa Efraim abusuakuo no nso; 68Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,
Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.