Native Bible

Psalms 78:67 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, na wamfa Efraim abusuakuo no nso;

Psalms 78:67 in English

Psalms 78:67 · Berean Standard Bible

He rejected the tent of Joseph and refused the tribe of Ephraim.

Context

65Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. 66Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ. 67Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, na wamfa Efraim abusuakuo no nso; 68Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no, Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no. 69Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.