Native Bible

Psalms 78:64 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, na wɔn akunafoɔ antumi ansu.

Psalms 78:64 in English

Psalms 78:64 · Berean Standard Bible

His priests fell by the sword, but their widows could not lament.

Context

62Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie. 63Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn, na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto; 64Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, na wɔn akunafoɔ antumi ansu. 65Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. 66Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.