Nnwom 78:62
Psalms 78:62 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.
Psalms 78:62 in English
Psalms 78:62 · Berean Standard Bible
He surrendered His people to the sword because He was enraged by His heritage.
Context
60Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ
ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no. 61Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,
nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam. 62Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;
ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie. 63Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,
na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto; 64Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,
na wɔn akunafoɔ antumi ansu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.