Nnwom 68:24
Psalms 68:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
Psalms 68:24 in English
Psalms 68:24 · Berean Standard Bible
They have seen Your procession, O God— the march of my God and King into the sanctuary.
Context
22Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba;
mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba, 23na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu
na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” 24Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,
me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. 25Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,
na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho. 26Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu;
monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.