Native Bible

Psalms 68:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,

Psalms 68:22 in English

Psalms 68:22 · Berean Standard Bible

The Lord said, “I will retrieve them from Bashan, I will bring them up from the depths of the sea,

Context

20Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu. 21Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no. 22Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba, 23na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” 24Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.