Nnwom 68:26
Psalms 68:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.
Psalms 68:26 in English
Psalms 68:26 · Berean Standard Bible
Bless God in the great congregation; bless the LORD from the fountain of Israel.
Context
24Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,
me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. 25Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,
na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho. 26Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu;
monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu. 27Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,
Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so,
na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. 28Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.