Native Bible

Psalms 45:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

Psalms 45:10 in English

Psalms 45:10 · Berean Standard Bible

Listen, O daughter! Consider and incline your ear: Forget your people and your father’s house,

Context

8Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye. 9Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. 12Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.