Native Bible

Psalms 45:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

Psalms 45:11 in English

Psalms 45:11 · Berean Standard Bible

and the king will desire your beauty; bow to him, for he is your lord.

Context

9Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. 12Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 13Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.