Native Bible

Psalms 45:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

Psalms 45:9 in English

Psalms 45:9 · Berean Standard Bible

The daughters of kings are among your honored women; the queen stands at your right hand, adorned with the gold of Ophir.

Context

7Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. 8Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye. 9Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.