Native Bible

Psalms 40:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

Psalms 40:6 in English

Psalms 40:6 · Berean Standard Bible

Sacrifice and offering You did not desire, but my ears You have opened.* Burnt offerings and sin offerings You did not require.

Context

4Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi. 5Ao Awurade me Onyankopɔn woayɛ anwanwadeɛ bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo. 6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ. 7Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no. 8Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.