Nnwom 40:4
Psalms 40:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.
Psalms 40:4 in English
Psalms 40:4 · Berean Standard Bible
Blessed is the man who has made the LORD his trust, who has not turned to the proud, nor to those who lapse into falsehood.*
Context
2Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu,
firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu;
ɔde me nan sii ɔbotan so
na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ. 3Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom,
ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn.
Bebree bɛhunu na wɔasuro
na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu. 4Nhyira ne onipa a
ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ,
deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so,
ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi. 5Ao Awurade me Onyankopɔn
woayɛ anwanwadeɛ bebree.
Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no
obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;
sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a
ɛbɛdɔɔso dodo. 6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,
woabue mʼaso ama mahunu;
woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.