Native Bible

Psalms 40:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

Psalms 40:3 in English

Psalms 40:3 · Berean Standard Bible

He put a new song in my mouth, a hymn of praise to our God. Many will see and fear and put their trust in the LORD.

Context

1Mede boasetɔ twɛnee Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. 2Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; ɔde me nan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ. 3Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu. 4Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi. 5Ao Awurade me Onyankopɔn woayɛ anwanwadeɛ bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.