Nnwom 40:8
Psalms 40:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”
Psalms 40:8 in English
Psalms 40:8 · Berean Standard Bible
I delight to do Your will, O my God;* Your law is within my heart.”
Context
6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,
woabue mʼaso ama mahunu;
woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ. 7Na mekaa sɛ “Mewɔ ha,
merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no. 8Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ;
mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.” 9Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;
meremmua mʼano,
Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no. 10Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu;
meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.
Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so
wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.