Native Bible

Psalms 18:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu.

Psalms 18:7 in English

Psalms 18:7 · Berean Standard Bible

Then the earth shook and quaked, and the foundations of the mountains trembled; they were shaken because He burned with anger.

Context

5Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. 6Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom. 7Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu. 8Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom, na egyasramma dɛre firii mu. 9Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.