Native Bible

Psalms 18:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

Psalms 18:6 in English

Psalms 18:6 · Berean Standard Bible

In my distress I called upon the LORD; I cried to my God for help. From His temple He heard my voice, and my cry for His help reached His ears.

Context

4Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so. 5Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. 6Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom. 7Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu. 8Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom, na egyasramma dɛre firii mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.