Nnwom 18:4
Psalms 18:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so.
Psalms 18:4 in English
Psalms 18:4 · Berean Standard Bible
The cords of death encompassed me; the torrents of chaos overwhelmed me.
Context
2Awurade ne me botantim;
mʼaban ne me gyefoɔ;
me Onyankopɔn ne me botan
Ne mu na menya me hintabea.
Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden. 3Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,
ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. 4Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;
na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so. 5Damena nhoma kyekyeree me;
owuo ankasa too me anihaa. 6Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade.
Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.
Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne;
me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.