Nnwom 18:9
Psalms 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.
Psalms 18:9 in English
Psalms 18:9 · Berean Standard Bible
He parted the heavens and came down with dark clouds beneath His feet.
Context
7Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ,
na mmepɔ fapem wosoeɛ
wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu. 8Wisie firii ne hwene mu;
ogyaframa firii nʼanom,
na egyasramma dɛre firii mu. 9Ɔfirii ɔsoro baa fam;
na omununkum kabii duruu ne nan ase. 10Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro;
gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. 11Ɔde sum kataa ne ho,
osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.