Nnwom 139:18
Psalms 139:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara.
Psalms 139:18 in English
Psalms 139:18 · Berean Standard Bible
If I were to count them, they would outnumber the grains of sand; and when I awake, I am still with You.
Context
16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.
Nna dodoɔ a woatwa ama me no,
wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu
ansa na emu baako reba mu. 17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!
Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! 18Sɛ mese mɛkan a,
ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,
sɛ menyane a,
me ne wo wɔ hɔ ara. 19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!
Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! 20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;
wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.