Native Bible

Psalms 139:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

Psalms 139:19 in English

Psalms 139:19 · Berean Standard Bible

O God, that You would slay the wicked— away from me, you bloodthirsty men—

Context

17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! 18Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara. 19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! 20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa. 21Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.