Nnwom 139:21
Psalms 139:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.
Psalms 139:21 in English
Psalms 139:21 · Berean Standard Bible
Do I not hate those who hate You, O LORD, and detest those who rise against You?
Context
19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!
Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! 20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;
wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa. 21Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,
na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ. 22Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;
mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ. 23Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;
sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.