Native Bible

Psalms 139 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 139
1Ao Awurade, woahwehwɛ me mu na woahunu me. 2Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu. 3Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; wonim mʼakwan nyinaa. 4Ansa na mɛbue mʼano akasa no Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada. 5Woatwa me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban. 6Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so, ɛyɛ me nwanwa dodo. 7Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ? 8Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie. 9Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a, 10mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ, na wo nsa nifa bɛsɔ me mu. 11Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,” 12esum mpo nnyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ. 13Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu. 14Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara. 15Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no, 16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu. 17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! 18Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara. 19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! 20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa. 21Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ. 22Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ. 23Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene. 24Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.