Native Bible

Psalms 139:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu.

Psalms 139:16 in English

Psalms 139:16 · Berean Standard Bible

Your eyes saw my unformed body; all my days were written in Your book and ordained for me before one of them came to be.

Context

14Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara. 15Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no, 16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu. 17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! 18Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.