Native Bible

Psalms 139:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara.

Psalms 139:14 in English

Psalms 139:14 · Berean Standard Bible

I praise You, for I am fearfully and wonderfully made. Marvelous are Your works, and I know this very well.

Context

12esum mpo nnyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ. 13Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu. 14Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara. 15Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no, 16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.