4 Mose 24:8
Numbers 24:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn.
Numbers 24:8 in English
Numbers 24:8 · Berean Standard Bible
God brought him out of Egypt with strength like a wild ox, to devour hostile nations and crush their bones, to pierce them with arrows.
Context
6“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,
te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.
Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua,
te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho. 7Wɔbɛnya nsuo bebree.
Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.
“Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;
wɔn ahennie bɛkorɔn. 8“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;
ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.
Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,
ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,
ɔto bɛmma wowɔ wɔn. 9Israel butu hɔ sɛ gyata;
ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?
“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,
na nnome nka obiara a ɔdome wo.” 10Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.