Native Bible

Numbers 24:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

Numbers 24:9 in English

Numbers 24:9 · Berean Standard Bible

He crouches, he lies down like a lion; like a lioness, who dares to rouse him? Blessed are those who bless you and cursed are those who curse you.”

Context

7Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn. 8“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn. 9Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.” 10Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. 11Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.