4 Mose 24:10
Numbers 24:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.
Numbers 24:10 in English
Numbers 24:10 · Berean Standard Bible
Then Balak’s anger burned against Balaam, and he struck his hands together and said to Balaam, “I summoned you to curse my enemies, but behold, you have persisted in blessing them these three times.
Context
8“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;
ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.
Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,
ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,
ɔto bɛmma wowɔ wɔn. 9Israel butu hɔ sɛ gyata;
ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?
“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,
na nnome nka obiara a ɔdome wo.” 10Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. 11Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!” 12Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.