Nahum 3:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo.
Nahum 3:6 in English
Nahum 3:6 · Berean Standard Bible
I will pelt you with filth and treat you with contempt; I will make a spectacle of you.
Context
4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,
ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.
Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman
na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa. 5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,
“Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.
Mɛma amanaman ahunu wʼadagya
na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ. 6Mede efi bɛfɔre wo ho,
mɛbu wo animtia
na mama nnipa ahwɛ wo. 7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,
‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’
Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?” 8Woyɛ sene Tebes a
ɛda Asubɔnten Nil ho a
nsuo atwa he ho ahyia anaa?
Asubɔnten bɔ ne ho ban
na nsuo yɛ ne fasuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.