Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”

Nahum 3:7 in English

Nahum 3:7 · Berean Standard Bible

Then all who see you will recoil from you and say, ‘Nineveh is devastated; who will grieve for her?’ Where can I find comforters for you?”

Context

5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. Mɛma amanaman ahunu wʼadagya na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ. 6Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo. 7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?” 8Woyɛ sene Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsuo atwa he ho ahyia anaa? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsuo yɛ ne fasuo. 9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.