Nahum 3:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.
Nahum 3:9 in English
Nahum 3:9 · Berean Standard Bible
Cush * and Egypt were her boundless strength; Put and Libya were her allies.
Context
7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,
‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’
Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?” 8Woyɛ sene Tebes a
ɛda Asubɔnten Nil ho a
nsuo atwa he ho ahyia anaa?
Asubɔnten bɔ ne ho ban
na nsuo yɛ ne fasuo. 9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.
Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho. 10Nanso wɔfaa no dommum
twaa no asuo.
Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam
ma wɔtetee wɔ mmɔntene so.
Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,
na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn. 11Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ
Na wo bɛhinta wo ho
de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.