Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.

Nahum 3:4 in English

Nahum 3:4 · Berean Standard Bible

because of the many harlotries of the harlot, the seductive mistress of sorcery, who betrays nations by her prostitution and clans by her witchcraft.

Context

2Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye. 3Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ. 4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa. 5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. Mɛma amanaman ahunu wʼadagya na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ. 6Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.