Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye.

Nahum 3:2 in English

Nahum 3:2 · Berean Standard Bible

The crack of the whip, the rumble of the wheel, galloping horse and bounding chariot!

Context

1Nnome nka mogya kuropɔn a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma na amanehunufoɔ mmpa mu da! 2Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye. 3Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ. 4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.