Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.

Nahum 1:4 in English

Nahum 1:4 · Berean Standard Bible

He rebukes the sea and dries it up; He makes all the rivers run dry. Bashan and Carmel wither, and the flower of Lebanon wilts.

Context

2Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so. 3Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. 4Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. 5Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim. 6Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.